Nhyehyɛeɛ A Ɛbɛma Ahafo Mfaso - Deɛ Apam No Aba Mu: Yɛrehwehwɛ Mpɔtamu Ahofama Wɔ Newmont Sika Kɔkɔɔ Agudeɛtuo Mu Wɔ Ghana
Bibliographic record
Abstract
Wɔ afe mpennu ne nnwɔtwe mu no, mpɔtam du a ɛwɔ Bono ne Ahafo mantam mu ne sika kɔkɔɔ adwu-makuo bi a yɛfrɛ no Newmont Ghana Gold Ltd (Newmont Ghana) yɛɛ apam. Ansa na wɔrebɛyɛ apam no, na saa adwumakuo yi afiri aseɛ koraa retu sika kɔkɔɔ wɔ saa mpɔtamu hɔ. Deɛ na ɛwɔ apam no mu bi ne sɛ, adwumakuo no hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛbuebue nnwuma wɔ mmeaeɛ a wɔretu sika kɔkɔɔ no na ɔsane de sika bɛboa mpuntu nnwuma a ɛbɛkɔ so wɔ mpɔtamu hɔ. Wɔ apam no mu no, wɔkɔɔ bɛnkrom wɔ nhyehyɛeɛ pa a ɛbɛboa ama nkitahodie akɔ so wɔ mpɔtamu hɔ ne adwumakuo no ntam na aboa ama wɔasi gyinaeɛ. Mfeɛ du akyi, saa amannebɔ yi rehwɛ suahunu a mpɔtamhɔfoɔ no anya afiri saa apam no mu na asane nso akyerɛ sɛdeɛ yɛbɛtumi ayɛ no yie. Wɔkaa apam no ho asɛm bio wɔ afe mpennu ne du-nnan mu na ɛbɛtumi aba sɛ wɔbɛsane aka ho asɛm bio wɔ afe mpennu ne du-nwɔtwe anaa afe mpennu ne du-nkron mu. Wɔ wiase afanan nyinaa mu no, fagudeɛtuo nwumakuo ne mpɔtamu a wɔdi wɔn dwuma no tɔ kɔ so ara kɔ apam. Wɔ aman bi so no, amammara no hwehwɛ apam a ɛfa mfaso-kyɛ ho ansa na wɔama kwan ama fagudeɛtuo adwumakuo no ahyɛ wɔn dwumadie ase. Wɔ aman foforɔ so no, nwumakuo no ara firi wɔn pɛ mu na ɛkɔ apam no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mpɔtamhɔfoɔ no bɛyɛ adwumakuo no atuu na wakwati ntawatwa biara a ɛbɛma ne ho so afiri mpɔtamu hɔ. Mpɔtamhɔfoɔ bɛtumi de apam no asi wɔn asɛdeɛ so dua, de anya banbɔ bi afiri nsunsuansoɔ bɔne a fagudeɛtuo de ba ho na ama wɔn anya kyɛfa wɔ mfasoɔ a ɛbɛfiri dwumadie no mu aba. Wɔ Ghanaman mu no, mmara biara nni hɔ a ɛhyɛ fagudeɛ nnwumakuo bi sɛ wɔne mpɔtamu a wɔredi wɔn dwuma no nyɛ apam anaa nhyehyɛeɛ bi. Mpɔtamhɔfoɔ no ne yɛn dii nkitaho a wɔsrɛɛ yɛn sɛ, yɛntu wɔn fo wɔ apam no dwumadie ho. Ansa na yɛregye ato mu sɛ yɛbɛdi saa dwuma no, yɛtuu anammɔn kɔɔ mmeaeɛ no a wɔretu fagudeɛ no ne Nkran. Wɔn a wɔka bi a ɛwom a yɛne wɔn kasaeɛ no bi ne Ghana aban fagudeɛ badwakuo a wɔfrɛ wɔn “Ghana’s Minerals Commision”, mpaninfoɔ a wɔwɔ fagudeɛ nsase no so, ahɔhoɔ a wɔte mpɔtamu hɔ no, nnwuma-kuo a ɛnhyɛ aban ase a wɔwɔ mpɔtamu hɔ, nnipa a apam no ayi wɔn sɛ wɔnhwɛ sɛ nhyehyɛeɛ no bɛyɛ adwuma ne ahenfo nyinaa foaa dwumadie yi so. Yɛsane kɔɔ beaeɛ a wɔretu fagudeɛ no ne Nkran wɔ Kɔtɔnimaa bosome mu wɔ afe mpenu ne du-nson mu. Ɛhɔ na yɛtotoo nnipa bɛboro ɔha ano a na wɔn a wɔka ho bi ne nananom ahenfo, wɔn a wɔsi aban anan mu wɔ mpɔtamu hɔ, mpɔtamhɔfoɔ ananmusifoɔ, temanmufoɔ ne nwumakuo a ɛnhyɛ aban ase, akuafoɔ, mmabunu ne nnipa a apam no ayi wɔn sɛ wɔnhwɛ sɛ nhyehyɛeɛ no bɛyɛ adwuma. Afei yɛsane ne Newmont ananmusifoɔ ahodoɔ dii nkitaho. Yɛntumi nka sɛ nhyehyɛeɛ a mpɔtamhɔfoɔ ne adwumakuo yi yɛeɛ no ama mpuntuo aba wɔn abrabɔ mu ɛfiri sɛ yɛannya nsɛm pii a ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi de Ahafo nkuro yi atoto nkuro ahodoɔ a wɔtu fagudeɛ yi bi wɔ hɔ nanso wɔannyɛ nhyehyɛeɛ biara ammfa wɔn dwumadie no ho. Nanso, yɛrema yɛn nsusuiɛ ne deɛ yɛahunu a ɛbɛtumi aboa ama apam nhyehyɛeɛ no ayɛ adwuma yie daakye na ɛho aba mfasoɔ ama mpɔtamhɔfoɔ no, aban ne Newmont adwumakuo no.
Fetched live from OpenAlex and de-inverted. Abstracts are not stored in this database: the inverted indexes are 8.6 GB of the frame’s 9.3 GB of text, and the host has 13 GB free.
How this classification was reachedexpand
Full frame distilled prediction
Teacher imitationNot calibrated prevalence, not ground truth. Human validation pending. Learned from the 10,348 direct Codex labels and 10,348 direct Gemma labels. Candidate is the union of thresholded teacher heads; consensus is their intersection. These outputs are machine_predicted_unvalidated and are not human labels or direct frontier model labels.
Codex and Gemma teacher scores by category
| Category | Codex | Gemma |
|---|---|---|
| Metaresearch | 0.001 | 0.001 |
| Meta-epidemiology (narrow) | 0.001 | 0.001 |
| Meta-epidemiology (broad) | 0.002 | 0.001 |
| Bibliometrics | 0.000 | 0.001 |
| Science and technology studies | 0.004 | 0.006 |
| Scholarly communication | 0.001 | 0.001 |
| Open science | 0.002 | 0.001 |
| Research integrity | 0.001 | 0.001 |
| Insufficient payload (model declined to judge) | 0.009 | 0.014 |
Machine scores (provisional)
The two teacher heads of the student model, read on this work. A score orders the frame for review; it never asserts a category, and the validation status ships verbatim with every row.
Baseline scores from an immature model (maturity gate not passed, 7 training rounds). Scores rank; they never assert a category.
score_only:v0-immature-baseline · verbatim from the scoring run: score_only means the number may rank works, and no category label ships from itClassification
machine, unvalidatedMachine predicted; both teacher heads agree on what is shown here.
How this classification was reached, model by model and score by score, is at the end of the page under "How this classification was reached".